Numeri
6 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi hyɛ bɔ titire bi sɛ ɔbɛtu ne ho asi hɔ ama Yehowa sɛ Nasirini*+ a, 3 ɔntwe ne ho mfiri bobesa ne mmosã biara ho. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa nyinyanyinya anaa mmosã nyinyanyinya+ anaa bobe mu nsuo biara, na ɛnsɛ sɛ ɔdi bobe mono anaa deɛ awoɔ biara nso. 4 Nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini nyinaa, ɛnsɛ sɛ ɔdi bobe ho adeɛ biara, bobe bunu oo, ne hono oo, ɔnnni.
5 “Nna a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ Nasirini no nyinaa ɔnhwɛ na wamfa yiwan anka ne ti+ kɔsi sɛ nna a watu ne ho asi hɔ ama Yehowa no bɛba awieeɛ. Ɛsɛ sɛ ɔgya ne tiri nwi+ ma no fu de kyerɛ sɛ ɔyɛ kronkron. 6 Na nna a watu ne ho asi hɔ ama Yehowa no nyinaa ɔnhwɛ na wammɛn funu* biara.+ 7 Sɛ ne papa anaa ne maame anaa ne nuabarima anaa ne nuabaa mpo wu a, ɛnsɛ sɛ ɔma ne ho gu fĩ,+ ɛfiri sɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini ma Onyankopɔn no wɔ ne tiri so.
8 “‘Nna dodoɔ a ɔyɛ Nasirini no, ɔyɛ kronkron ma Yehowa. 9 Nanso sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn+ mpofirem ma sɛnkyerɛnne a ɛwɔ ne tiri so sɛ Nasirini no ho gu fĩ a, ɛsɛ sɛ da a ɔbɛdwira ne ho no ɔyi ne tiri nwi+ nyinaa. Da a ɛtɔ so nson no na ɔnyie. 10 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no ɔmfa mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ ɔsɔfoɔ no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano.+ 11 Ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ+ na ɔmfa baako mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ mfa mpata mma no, ɛfiri sɛ ɔkra a wawuo no ama no ayɛ bɔne. Na ɔnte ne tiri ho mma no nyɛ kronn da no ara. 12 Nna a ɔbɛtu ne ho ama Yehowa sɛ Nasirini+ no nyinaa, ɔntena ase sɛ Nasirini. Afei ɔmfa odwennini kumaa a wadi afe mmɛbɔ asodie afɔdeɛ.+ Na nna a ɛdi kan a ɔde tenaa ase sɛ Nasirini no nyinaa ahye agu, ɛfiri sɛ wagu ne ho fĩ.
13 “‘Mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini nie: Sɛ nna a ɔbɛtena ase sɛ Nasirini no ba awieeɛ+ a, wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano. 14 Ɔmfa odwennini baako a wadi afe a ɔte apɔ mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ mma Yehowa na ɔmfa odwammereɛ baako a wadi afe a ɔte apɔ mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ+ na ɔmfa odwennini baako a ɔte apɔ nso mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.+ 15 Afei ɔmfa ngo mfra+ esiam muhumuhu+ nyɛ paanoo a mmɔreka nnim a ɛte sɛ kawa, ne paanoo ntraantraa a mmɔreka nnim a wɔde ngo asra ho,+ ne aduane+ ne nsã+ a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ ngu adeɛ mu mmra. 16 Ɔsɔfoɔ no mfa mmra Yehowa anim mmɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ ne ne hyeɛ afɔdeɛ+ mma no. 17 Afei ɔmfa odwennini no ne paanoo a mmɔreka nnim no mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ mma Yehowa, na ɔsɔfoɔ no mfa aduane+ ne nsã no nso mmɔ afɔdeɛ.
18 “‘Nasirini no nyi ne tiri nwi+ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔmfa nwi no ngu gya a ɔde rebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no mu. 19 Berɛ a Nasirini no ayi ne nwi a ɛyɛ ne bɔhyɛ no ho sɛnkyerɛnne awie no, ɔsɔfoɔ no mfa odwennini no basa a wanoa+ ne paanoo a ɛte sɛ kawa a mmɔreka nnim baako ne paanoo tratraa a mmɔreka nnim+ baako ngu Nasirini no nsam. 20 Ɔsɔfoɔ no nhim no sɛ ohim afɔdeɛ mma Yehowa.+ Ɛno ne aboa a wɔde bɔɔ ohim afɔdeɛ no koko+ ne ne nan+ a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ ade kronkron ma ɔsɔfoɔ no. Afei Nasirini no bɛtumi anom nsã.+
21 “‘Yei ne mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini+ a wahyɛ bɔ ne afɔdeɛ a ɔbɛbɔ ama Yehowa de aka biribi a ɔbɛtumi de ama biara ho. Bɔ a wahyɛ no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa sɛdeɛ mmara a wɔde ama Nasirifoɔ teɛ.’”
22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Sei na monhyira+ Israelfoɔ no nka nkyerɛ wɔn sɛ:
24 “Yehowa nhyira mo+ na ɔnhwɛ mo so.+
25 Yehowa nte n’anim mma mo+ na ɔnnom mo.+