Numeri
7 Da a Mose sii ntomadan+ no wieeɛ no, ɔsraa+ dan no ne emu nneɛma nyinaa ne afɔrebukyia no ne ɛso nneɛma nyinaa, na ɔtee ho yɛɛ no kronkron. Enti ɔsraa nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa maa ne nyinaa bɛyɛɛ kronn.+ 2 Afei Israelfoɔ mpanimfoɔ+ a wɔdeda wɔn agyanom fie ano no gyinaa wɔn mmusua a wɔkan wɔn no ananmu de ayɛyɛdeɛ baeɛ.+ 3 Ayɛyɛdeɛ a wɔde baa Yehowa anim no yɛ nteaseɛnam nsia a wɔakata soɔ ne anantwie dumienu; kyerɛ sɛ mpanimfoɔ mmienu biara de teaseɛnam baako baeɛ, na ɔpanin biara de nantwie baako baeɛ. Wɔde ne nyinaa baa ntomadan no anim. 4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 5 “Gye nneɛma a wɔde aba no na wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma. Fa ma Lewifoɔ no sɛdeɛ obiara adwuma teɛ.”
6 Enti Mose gyee nteaseɛnam ne anantwie no, na ɔde maa Lewifoɔ no. 7 Sɛdeɛ Gerson asefoɔ adwuma teɛ+ no, ɔmaa wɔn nteaseɛnam mmienu ne anantwie nnan, 8 na Merari asefoɔ nso wɔn adwuma+ nti, ɔmaa wɔn nteaseɛnam nnan ne anantwie nwɔtwe. Ɔde ne nyinaa hyɛɛ ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar nsa.+ 9 Nanso Kohat asefoɔ deɛ, wamma wɔn bi, ɛfiri sɛ na wɔbɛsoa+ kronkronbea hɔ nneɛma wɔn mmatiri so.+
10 Mpanimfoɔ no de wɔn ayɛyɛdeɛ no baa da a wɔsraa afɔrebukyia no hyiraa soɔ+ no, na wɔde nneɛma no baa afɔrebukyia no anim. 11 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wɔmfa wɔn ayɛyɛdeɛ no mmra mmaako mmaako, ɔpanin baako de ba nnɛ a, na ɔpanin baako de aba da foforɔ. Saa na wɔmfa mmra mma wɔnhyira afɔrebukyia no soɔ.”+
12 Deɛ ɔde ne nneɛma baa da a ɛdi kan no ne Aminadab ba Naason+ a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no. 13 Ayɛyɛdeɛ a ɔde baeɛ ne dwetɛ ayowa a emu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduane afɔdeɛ.+ 14 Deɛ ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena du a aduhwam ahyɛ no mã,+ 15 afei nantwinini kumaa ne odwennini ne adwammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ 16 ne abirekyie ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ 17 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpapo nnum ne nnwammaa anini nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.+ Yei ne nneɛma a Aminadab+ ba Naason de baeɛ.
18 Da a ɛtɔ so mmienu no Suar ba Netanel+ a ɔyɛ Isakar abusuapanin no de n’ayɛyɛdeɛ baeɛ. 19 Nneɛma a ɔde baeɛ ne dwetɛ ayowa a emu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduane afɔdeɛ.+ 20 Deɛ ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena du a aduhwam ahyɛ no mã, 21 afei nantwinini kumaa ne odwennini ne adwammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ 22 ne abirekyie ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ 23 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpapo nnum ne nnwammaa anini nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Yei ne nneɛma a Suar ba Netanel de baeɛ.
24 Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no Helon ba Eliab+ a ɔyɛ Sebulon abusuapanin no de n’ayɛyɛdeɛ baeɛ. 25 Nneɛma a ɔde baeɛ ne dwetɛ ayowa a emu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduane afɔdeɛ. 26 Deɛ ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena du a aduhwam ahyɛ no mã, 27 afei nantwinini kumaa ne odwennini ne adwammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ 28 ne abirekyie ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ 29 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpapo nnum ne nnwammaa anini nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Yei ne nneɛma a Helon+ ba Eliab de baeɛ.
30 Da a ɛtɔ so nnan no Sedeo ba Elisur+ a ɔyɛ Ruben abusuapanin no de n’ayɛyɛdeɛ baeɛ. 31 Nneɛma a ɔde baeɛ ne dwetɛ ayowa a emu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduane afɔdeɛ.+ 32 Deɛ ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena du a aduhwam ahyɛ no mã, 33 afei nantwinini kumaa ne odwennini ne adwammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ 34 ne abirekyie ba a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ 35 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpapo nnum ne nnwammaa anini nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Yei ne nneɛma a Sedeo+ ba Elisur de baeɛ.
36 Da a ɛtɔ so nnum no Surisadai ba Selumiel+ a ɔyɛ Simeon abusuapanin no de n’ayɛyɛdeɛ baeɛ. 37 Nneɛma a ɔde baeɛ ne dwetɛ ayowa a emu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduane afɔdeɛ.+ 38 Deɛ ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena du a aduhwam ahyɛ no mã, 39 afei nantwinini kumaa ne odwennini ne adwammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ 40 ne abirekyie ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ 41 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpapo nnum ne nnwammaa anini nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Yei ne nneɛma a Surisadai+ ba Selumiel de baeɛ.
42 Da a ɛtɔ so nsia no Deuel ba Eliasaf+ a ɔyɛ Gad abusuapanin no de n’ayɛyɛdeɛ baeɛ. 43 Nneɛma a ɔde baeɛ ne dwetɛ ayowa a emu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduane afɔdeɛ.+ 44 Deɛ ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena du a aduhwam ahyɛ no mã,+ 45 afei nantwinini kumaa ne odwennini ne adwammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ 46 ne abirekyie ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ 47 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpapo nnum ne nnwammaa anini nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Yei ne nneɛma a Deuel+ ba Eliasaf de baeɛ.
48 Da a ɛtɔ so nson no Amihud ba Elisama+ a ɔyɛ Efraim abusuapanin no de n’ayɛyɛdeɛ baeɛ. 49 Nneɛma a ɔde baeɛ ne dwetɛ ayowa a emu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduane afɔdeɛ.+ 50 Deɛ ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena du a aduhwam ahyɛ no mã, 51 afei nantwinini kumaa ne odwennini ne adwammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ 52 ne abirekyie ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ 53 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpapo nnum ne nnwammaa anini nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Yei ne nneɛma a Amihud+ ba Elisama de baeɛ.
54 Da a ɛtɔ so nwɔtwe no Pedasur ba Gamaliel+ a ɔyɛ Manase abusuapanin no de n’ayɛyɛdeɛ baeɛ. 55 Nneɛma a ɔde baeɛ ne dwetɛ ayowa a emu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduane afɔdeɛ.+ 56 Deɛ ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena du a aduhwam ahyɛ no mã,+ 57 afei nantwinini kumaa ne odwennini ne adwammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ 58 ne abirekyie ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ 59 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpapo nnum ne nnwammaa anini nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Yei ne nneɛma a Pedasur+ ba Gamaliel de baeɛ.
60 Da a ɛtɔ so nkron no Gideoni ba Abidan+ a ɔyɛ Benyamin abusuapanin+ no de n’ayɛyɛdeɛ baeɛ. 61 Nneɛma a ɔde baeɛ ne dwetɛ ayowa a emu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduane afɔdeɛ.+ 62 Deɛ ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena du a aduhwam ahyɛ no mã, 63 afei nantwinini kumaa ne odwennini ne adwammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ 64 ne abirekyie ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ 65 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpapo nnum ne nnwammaa anini nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Yei ne nneɛma a Gideoni+ ba Abidan de baeɛ.
66 Da a ɛtɔ so du no Amisadai ba Ahiesa+ a ɔyɛ Dan abusuapanin no de n’ayɛyɛdeɛ baeɛ. 67 Nneɛma a ɔde baeɛ ne dwetɛ ayowa a emu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduane afɔdeɛ.+ 68 Deɛ ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena du a aduhwam ahyɛ no mã, 69 afei nantwinini kumaa ne odwennini ne adwammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ 70 ne abirekyie ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ 71 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpapo nnum ne nnwammaa anini nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Yei ne nneɛma a Amisadai+ ba Ahiesa de baeɛ.
72 Da a ɛtɔ so dubaako no Okran ba Pagiel+ a ɔyɛ Aser abusuapanin no de n’ayɛyɛdeɛ baeɛ. 73 Nneɛma a ɔde baeɛ ne dwetɛ ayowa a emu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduane afɔdeɛ.+ 74 Deɛ ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena du a aduhwam ahyɛ no mã,+ 75 afei nantwinini kumaa ne odwennini ne adwammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ 76 ne abirekyie ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ 77 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpapo nnum ne nnwammaa anini nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Yei ne nneɛma a Okran+ ba Pagiel de baeɛ.
78 Da a ɛtɔ so dumienu no Enan ba Ahira+ a ɔyɛ Naftali abusuapanin no de n’ayɛyɛdeɛ baeɛ. 79 Nneɛma a ɔde baeɛ ne dwetɛ ayowa a emu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduane afɔdeɛ.+ 80 Deɛ ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duro yɛ nnwetɛbena du a aduhwam ahyɛ no mã,+ 81 afei nantwinini kumaa ne odwennini ne adwammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ 82 ne abirekyie ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,+ 83 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpapo nnum ne nnwammaa anini nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Yei ne nneɛma a Enan+ ba Ahira de baeɛ.
84 Da a wɔhyiraa afɔrebukyia no so+ sraa ho yɛɛ no kronkron no, nneɛma a Israel mpanimfoɔ+ de baeɛ nie: dwetɛ nyowa dumienu, dwetɛ nyaawa+ dumienu, ne sika nkuruwa dumienu. 85 Ayowa biara mu duro yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa, na yaawa biara mu duro yɛ nnwetɛbena aduɔson. Enti wɔka nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ nyinaa bom a emu duro yɛ nnwetɛbena mpem mmienu ahanan, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ 86 Sika nkuruwa dumienu+ a aduhwam ayɛ no mãmã no biara mu duro yɛ nnwetɛbena du, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no. Enti sika nkuruwa no nyinaa ano si nnwetɛbena ɔha aduonu. 87 Anantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ no nyinaa yɛ dumienu, adwennini dumienu, nnwammaa anini dumienu a wɔn mu biara adi afe, ne aduane+ ayɛyɛdeɛ, ne mmirekyie mma dumienu a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ.+ 88 Na anantwie a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ+ afɔdeɛ no nyinaa yɛ aduonu nnan, adwennini aduosia, mpapo aduosia, nnwammaa anini aduosia a wɔn mu biara adi afe. Wɔsraa afɔrebukyia+ no wieeɛ no, nneɛma yi na wɔde bɔɔ afɔdeɛ hyiraa soɔ.+
89 Afei sɛ Mose kɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu na ɔne Nyankopɔn rekasa+ a, na ɔte nne a ɛne no rekasa no firi adanseɛ adaka mmuasoɔ+ no so wɔ kerubim+ mmienu no ntam.