5 “Nna a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ Nasirini no nyinaa ɔnhwɛ na wamfa yiwan anka ne ti+ kɔsi sɛ nna a watu ne ho asi hɔ ama Yehowa no bɛba awieeɛ. Ɛsɛ sɛ ɔgya ne tiri nwi+ ma no fu de kyerɛ sɛ ɔyɛ kronkron.
18 Nanso berɛ a Paulo dii nna kakra kaa ho wɔ hɔ no, ɔne anuanom no dii nkra na ɔde ɛpo so hyɛn firii hɔ kɔɔ Siria a Priskila ne Akwila ka ne ho, na ɔyii ne ti maa no kɔɔ fam+ wɔ Kenkrea,+ ɛfiri sɛ na wahyɛ bɔ.
24 Fa saa mmarima yi kɔ+ na wo ne wɔn nkɔdwira mo ho na tua ka ma wɔn,+ na wɔnyi wɔn ti.+ Na ɛbɛma obiara ahunu sɛ wo ho asɛm a wɔateɛ no nyɛ nokorɛ, na mmom wonam pɛpɛɛpɛ na wo ara nso wodi mmara no so.+