14 Ɔmfa odwennini baako a wadi afe a ɔte apɔ mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ mma Yehowa na ɔmfa odwammereɛ baako a wadi afe a ɔte apɔ mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ+ na ɔmfa odwennini baako a ɔte apɔ nso mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.+
15 Afei ɔmfa ngo mfra+ esiam muhumuhu+ nyɛ paanoo a mmɔreka nnim a ɛte sɛ kawa, ne paanoo ntraantraa a mmɔreka nnim a wɔde ngo asra ho,+ ne aduane+ ne nsã+ a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ ngu adeɛ mu mmra.