5 Hwɛ, wobɛnyinsɛn awo ɔbabarima, na ɛnsɛ sɛ yiwan ka ne ti,+ ɛfiri sɛ sɛ abɔfra no nya firi yafunu mu pɛ+ a, ɔbɛyɛ Nasirini+ ama Onyankopɔn. Na ɔno na ɔbɛdi animu agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.”+
17 Enti afei ɔkaa n’akomam+ nsɛm nyinaa kyerɛɛ no sɛ: “Yiwan+ nkaa me ti da, ɛfiri sɛ mefiri me maame yafunu mu+ ara pɛ na mebɛyɛɛ Nasirini maa Onyankopɔn. Sɛ meyi me tiri nwi a, m’ahoɔden nyinaa bɛkɔ, na mɛhodwo na mayɛ sɛ nnipa a aka nyinaa.”+