Numeri
6 Yehowa toaa so ne Mose kasae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Wo ne Israelfoɔ no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa biara hyɛ bɔ titire bi sɛ ɔbɛyɛ Nasirini*+ ama Yehowa a, 3 ɔntwe ne ho mfiri bobesa ne nsã a ɛborɔ biara ho. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa a emu ka anaa nsã a ɛborɔ a emu ka biara.+ Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobe mu nsuo biara anaa ɔdi bobe; deɛ ɛyɛ mono oo, deɛ awo oo, ɛnsɛ sɛ ɔdi. 4 Nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini nyinaa, ɛnsɛ sɛ ɔdi biribiara a ɛfiri bobe mu; bobebunu oo, ne hono oo, ɛnsɛ sɛ ɔdi.
5 “‘Nna a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ Nasirini no nyinaa, ɛnsɛ sɛ ɔyi ne tiri nwi.*+ Ɛsɛ sɛ ɔgya ne tiri nwi ma ɛfu de kyerɛ sɛ ɔyɛ kronkron, kɔsi sɛ nna a watu ne ho asi hɔ ama Yehowa no bɛba awieeɛ. 6 Na nna a watu ne ho asi hɔ ama Yehowa no nyinaa, ɛnsɛ sɛ ɔkɔ* onipa* a wawuo ho. 7 Sɛ ne papa anaa ne maame anaa ne nuabarima anaa ne nuabaa mpo wu a, ɔnngu ne ho fĩ,+ ɛfiri sɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini ma Onyankopɔn no wɔ ne tiri so.
8 “‘Nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini nyinaa, ɔyɛ kronkron ma Yehowa. 9 Nanso sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn prɛko pɛ+ na sɛ ne tiri nwi a ɛkyerɛ sɛ wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn no ho gu fĩ* a, ɛnneɛ ɛda a ɔbɛdwira ne ho no, ɛsɛ sɛ ɔyi ne tiri nwi.+ Ɔnyi ne tiri nwi no ɛda a ɛtɔ so nson no. 10 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ ɔsɔfoɔ no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. 11 Ɔsɔfoɔ no de baako bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ na ɔde baako nso abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ de apata ama no+ wɔ onipa* a wawu a ama no ayɛ bɔne no ho. Ɔwie a, ɔnte ne tiri no ho saa da no. 12 Na ɔnsan nhyira ne ho so bio mma Yehowa, nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini no. Ɔmfa odwennini kumaa a wadi bɛyɛ afe mmɛbɔ afɔdie afɔreɛ. Nanso, nna a kane no ɔde tenaa ase sɛ Nasirini no deɛ, ne nyinaa bɛhye agu, ɛfiri sɛ wagu ne ho fĩ.
13 “‘Mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini nie: Sɛ nna a ɔbɛtena ase sɛ Nasirini no+ ba awieeɛ a, wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano. 14 Ɛhɔ na ɔmfa nneɛma yi mmɛbɔ afɔreɛ mma Yehowa: odwennini kumaa baako a ɔte apɔ a wadi bɛyɛ afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ,+ odwan bedeɛ kumaa baako a ɔte apɔ a wadi bɛyɛ afe a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ,+ ne odwennini baako a ɔte apɔ a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ 15 Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu nyɛ paanoo a mmɔka* nnim a ɛte sɛ kawa ngu kɛntɛn mu, na ɔmfa paanoo ntraantraa a mmɔka nnim a wɔde ngo asra ho, ne ɛho aduane afɔreɛ+ ne ɛho nsã a wɔde bɛbɔ afɔreɛ+ no mmra. 16 Ɔsɔfoɔ no mfa mmra Yehowa anim, na ɔmfa mmɛbɔ bɔne ho afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ mma no. 17 Afei ɔmfa odwennini no ne paanoo a mmɔka nnim a ɛgu kɛntɛn mu no mmɔ asomdwoeɛ afɔreɛ mma Yehowa, na ɔsɔfoɔ no mmɔ ɛho aduane afɔreɛ+ ne ɛho nsã afɔreɛ.
18 “‘Nasirini no nyi ne tiri nwi a wagya no kusuu* no+ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano. Ɔyi wie a, ɔmfa nwi a ɔgyaa no kusuu berɛ a ɔyɛ Nasirini no ngu egya a wɔde rebɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no mu. 19 Berɛ a Nasirini no ayi ne tiri nwi a ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini no awie no, ɔsɔfoɔ no mfa odwennini no basa baako a wɔanoa,+ na ɔnyi paanoo a mmɔka nnim a ɛte sɛ kawa a ɛgu kɛntɛn mu no baako, ne paanoo tratra a mmɔka nnim baako, na ɔmfa ngu Nasirini no nsam. 20 Afei ɔsɔfoɔ no nhim nneɛma no sɛ ohim afɔreɛ wɔ Yehowa anim.+ Ɛyɛ ade kronkron ma ɔsɔfoɔ no, ɛno, ne aboa a wɔde bɔɔ ohim afɔreɛ no koko, ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ no nyinaa.+ Wɔwie a, deɛ na ɔyɛ Nasirini no bɛtumi anom nsã.*
21 “‘Mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini+ a ɔhyɛ bɔ nie: Sɛ ɔhyɛ bɔ, na ɔbɛtumi abɔ afɔreɛ ama Yehowa aka deɛ ɛsɛ sɛ Nasirini yɛ ho a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ ɔdi ne bɔhyɛ no so sɛdeɛ mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini teɛ.’”
22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Sei na ɛsɛ sɛ mohyira Israelfoɔ.+ Monka nkyerɛ wɔn sɛ:
24 “Yehowa nhyira wo+ na ɔnhwɛ wo so.
25 Yehowa nte n’anim mma wo*+ na ɔnyɛ wo adom.