62 Na wɔn mu mmarima a wɔadi firi bosome baako a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduonu mmiɛnsa.+ Wɔankan wɔn amfra Israelfoɔ no,+ ɛfiri sɛ wɔamma wɔn agyapadeɛ biara Israelfoɔ mu.+
12 Afei momma mo ani nnye Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ mo ne mo mma mmarima ne mo mma mmaa ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kurom no, ɛfiri sɛ wannya mo agyapadeɛ no bi.+