Numeri
17 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Israelfoɔ no nkasa, na gye poma baako firi wɔn agyanom abusuafie biara mu.+ Gye firi ɔpanin a ɔwɔ agyanom abusuafie biara mu no hɔ. Ne nyinaa bɛyɛ mpoma 12. Twerɛ obiara din wɔ ne poma ho. 3 Twerɛ Aaron din wɔ Lewifoɔ poma ho, ɛfiri sɛ abusuapanin biara de poma baako bɛba ama n’agyanom abusuafie. 4 Fa mpoma no nyinaa kɔgu ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ Adanseɛ Adaka no+ anim, baabi a metaa yi me ho adi kyerɛ mo no.+ 5 Na onipa a mɛyi no no,+ ɔno na ne poma bɛfefɛ, na anwiinwii a Israelfoɔ nwiinwii tia me,+ ne deɛ wɔnwiinwii tia mo no,+ mɛma agyae.”
6 Enti Mose ne Israelfoɔ no kasae, na wɔn mpanimfoɔ no nyinaa de wɔn mpoma maa no. Ɔpanin a ɔwɔ agyanom abusuafie biara mu de poma baako bae, na ne nyinaa yɛɛ mpoma 12. Ná Aaron poma ka wɔn mpoma no ho. 7 Ɛnna Mose de mpoma no bɛguu Adanseɛ ntomadan no mu wɔ Yehowa anim.
8 Na adeɛ kyeeɛ a Mose kɔɔ Adanseɛ ntomadan no mu no, hwɛ! na Aaron poma a ɛyɛ Lewi fie deɛ no afefɛ agu nhwiren, na na aso aborɔfo nkateɛ ama abere. 9 Na Mose de mpoma no nyinaa pue firii Yehowa anim brɛɛ Israelfoɔ no nyinaa. Wɔhwɛɛ mpoma no, na ɔbarima biara yii ne deɛ.
10 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “San fa Aaron poma no+ kɔto Adanseɛ Adaka no anim, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne+ mma atuatefoɔ no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgyae anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no, na wɔanwuwu.” 11 Ntɛm ara na Mose yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no. Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
12 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wei deɛ, yɛbɛwuwu, deɛ ɛteɛ biara yɛbɛsɛe; yɛn nyinaa bɛsɛe! 13 Obiara a ɔbɛbɛn Yehowa som ntomadan no mpo bɛwu!+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu saa?”+