51 Berɛ biara a mobɛtutu ɔsom ntomadan no akɔ baabi foforɔ no, Lewifoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔtutu.+ Na sɛ moresan asi ɔsom ntomadan no a, Lewifoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔsi. Obiara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* no, sɛ ɔbɛn hɔ a, monku no.+
4 Wɔnka wo ho na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan hɔ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa, ne ntomadan no ho adwuma foforɔ biara, na ɛnsɛ sɛ onipa biara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔyɛ bi* no bɛn mo.+
7 Asɔfodwuma a moyɛ wɔ afɔrebukyia no ho ne deɛ ɛwɔ ntwamutam no akyi no, wo ne wo mma na ɛhyɛ mo nsa;+ mo na ɛsɛ sɛ moyɛ saa nnwuma no.+ Mede asɔfodie adwuma no akyɛ mo. Onipa biara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* a ɔbɛbɛn ho no, monku no.”+