2 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɔrentumi mma kronkronbea hɔ na ɔnwura mu nkɔ ntwamutam no akyi+ wɔ Adaka no mmuasoɔ anim berɛ biara a ɔpɛ,+ anyɛ saa a ɔbɛwu,+ ɛfiri sɛ mɛyi me ho adi mununkum mu+ wɔ mmuasoɔ no+ so.
12 “Afei afɔrebukyia a ɛwɔ Yehowa anim no, ɔnyi nnyasramma a ɛwɔ so no bi ngu kyɛnsee a wɔde egya gu mu mu,+ na ɔmfa aduhwam a wɔasi no muhumuhu+ nsa ma mmienu nka ho nwura mu nkɔ ntwamutam no+ akyi.
7 nanso pia a ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin no nko ara na na ɔkɔ hɔ pɛnkoro afe biara.+ Sɛ ɔrekɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ ɔde mogya kɔ,+ na ɔde kɔbɔ afɔreɛ ma ɔno ankasa ho+ ne ne man wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ+ a wɔnnim no ho.