-
Exodus 30:34-36Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
34 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa nnuhwam+ yi na susu ne nyinaa pɛ: stakiti, onika, galbanum, ne ɛhyɛ* papa. 35 Fa ne nyinaa fra yɛ aduhwam;+ ɛsɛ sɛ mofra no yie paa* na mohyɛ no nkyene,+ na ɛyɛ aduhwam kronkron a wɔmfraa mu. 36 Si bi ma no nyɛ muhumuhu na fa bi si Adanseɛ Adaka no anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, baabi a mɛyi me ho adi akyerɛ wo no. Ɛyɛ ade kronkron paa.
-
-
Adiyisɛm 8:3-5Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Ɔbɔfoɔ foforɔ bi bae, na na ɔkura aduhwam kyɛnsee a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ. Ɔbɛgyinaa afɔrebukyia no ho,+ na wɔmaa no aduhwam pii+ sɛ ɔmfa nka akronkronfoɔ nyinaa mpaebɔ ho, na ɔmfa mmɔ afɔreɛ wɔ sika kɔkɔɔ afɔrebukyia+ a ɛsi ahennwa no anim no so. 4 Na aduhwam no mu wisie firii ɔbɔfoɔ no nsam, na ɛne akronkronfoɔ no mpaebɔ+ no foro kɔɔ Onyankopɔn anim. 5 Ɛhɔ ara na ɔbɔfoɔ no faa aduhwam kyɛnsee no, na ɔde afɔrebukyia so gya no bi hyɛɛ no ma, na ɔto guu asaase so. Na aprannaa ne nne ahodoɔ ne anyinam+ ne asaasewosoɔ bae.
-