16 Ɔbɛtua bɔne a wayɛ atia kronkronbea no ho mpata, na ɔde nkyɛmu nnum mu baako bɛka ho abrɛ ɔsɔfoɔ no.+ Na ɔsɔfoɔ no de odwennini a ɔde bɛbɔ afɔdie afɔreɛ no bɛpata ama no,+ na wɔde bɛkyɛ no.+
6 Ma no mfa odwennini a ɔte apɔ a ɔsom bo te sɛ ɛboɔ a wɔatwa ato hɔ no mmrɛ Yehowa, na ɔsɔfoɔ no mfa mmɔ afɔdie afɔreɛ.+7 Afei ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ Yehowa anim, na bɔne biara a wayɛ a ama no adi fɔ no, wɔde bɛkyɛ no.”+