-
Numeri 5:14, 15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔbaa no agu ne ho fĩ nti na ne kunu no retwe ninkunu ɛnna n’adwene yɛ no sɛ ne yere afiri n’akyi oo, sɛ nso ɔbaa no nguu ne ho fĩ na ne kunu no retwe ninkunu ɛnna n’adwene yɛ no sɛ ɔbaa no afiri n’akyi oo, 15 ɔbarima no mfa ne yere no mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔmfa baali* esiam efa nkyɛmu du mu baako* nka ho sɛ ɔbaa no afɔreɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔhwie ngo gu so anaa ɔde ɛhyɛ* gu so, ɛfiri sɛ ɛyɛ ninkuntwe ho aduane afɔreɛ, aduane afɔreɛ a ɛma wɔkae afɔdie.
-