33 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ Saul sɛ: “Hwɛ! Asraafoɔ no reyɛ bɔne tia Yehowa; wɔredi mogya ka nam no ho.”+ Na ɔkaa sɛ: “Moanni nokorɛ. Monka mo ho mpia ɛboɔ kɛseɛ mmrɛ me.”
20 na mmom yɛntwerɛ nkɔma wɔn sɛ, wɔntwe wɔn ho mfiri nneɛma a abosom agu ho fĩ+ ne adwamammɔ*+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu ne mogya ho.+
29 Montwe mo ho mfiri nneɛma a wɔde abɔ afɔreɛ ama abosom+ ne mogya+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu+ ne adwamammɔ*+ ho. Sɛ motwe mo ho koraa firi weinom ho a, ɛbɛwie mo yie. Ɛnsi mo yie!”*