23 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Sei na ɛsɛ sɛ mohyira Israelfoɔ.+ Monka nkyerɛ wɔn sɛ:
24 “Yehowa nhyira wo+ na ɔnhwɛ wo so.
25 Yehowa nte n’anim mma wo+ na ɔnyɛ wo adom.
26 Yehowa mma n’ani so nhwɛ wo na ɔmma wo asomdwoeɛ.”’+
27 Na wɔmfa me din nto Israelfoɔ so+ na menhyira wɔn.”+