9 Ɔmfa aboa a ɔde rebɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no sradeɛ nyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.+ Ɔnyi ne dua a adɔre sradeɛ no nyinaa, sradeɛ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa, 10 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+