-
Leviticus 9:18-20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
18 Ɛno akyi no, ɔkum nantwinini ne odwennini a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama ɔman no. Afei Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔde petee afɔrebukyia no so hyiaeɛ.+ 19 Na nantwinini no sradeɛ+ ne odwennini no dua a adɔre sradeɛ no ne wɔn nsono ho sradeɛ, wɔn asaabo, ne wɔn berɛboɔ ho sradeɛ no deɛ,+ 20 wɔyii sradeɛ yi nyinaa de kaa mmoa no koko ho, na ɔhyee sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so.+
-
-
2 Berɛsosɛm 7:7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Ɛnna Solomon yɛɛ Yehowa fie anim adihɔ no mfimfini hɔ kronkron, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no,+ na asomdwoeɛ afɔreɛ ho sradeɛ no nso, ɛhɔ na na ɔbɛhye no; deɛ enti a Solomon yɛɛ saa ne sɛ, kɔbere afɔrebukyia+ a ɔyɛeɛ no, na ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ+ ne sradeɛ a wɔrebɛhye no nyinaa+ renkɔ so.
-