-
Leviticus 7:34, 35Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
34 Sɛ Israelfoɔ no bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a, mɛgye aboa no koko a wɔhimiiɛ no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no ama ɔsɔfoɔ Aaron ne ne mma. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama Israelfoɔ.+
35 “‘Ɛda a wɔde Aaron ne ne mma baeɛ sɛ wɔmmɛyɛ Yehowa asɔfoɔ no,+ wei na wɔyi firii afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no mu sɛ ɛnyɛ wɔn kyɛfa.
-