8 “Afei fa ne mma no nso bra, na fa ntaade tenten no hyehyɛ wɔn.+ 9 Aaron ne ne mma no nyinaa, fa deɛ wɔde bɔ wɔn mu no bobɔ wɔn mu, na fa abotire no nso bobɔ wɔn. Ma no nyɛ mmara a ɛda hɔ sɛ wɔn fiefoɔ na wɔbɛdi asɔfoɔ daa.+ Wei ne ɛkwan a wɔbɛfa so ahyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ.+