4 “Ntaadeɛ yi na wɔmpam: nkataboɔ,+ efɔd,*+ nsasini,+ ataade tenten a wɔanwene no damedame, abotire+ ne deɛ ɔde bɛbɔ ne mu.+ Ma wɔnyɛ ntaade kronkron yi mma wo nua Aaron ne ne mma, na wɔnsom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim.
33 Ɛnna wɔde ɔsom ntomadan+ no ho nneɛma nyinaa brɛɛ Mose: ɛho ntoma, emu nneɛma, ɛho nnadeɛ nketewa,+ ntomadan nnua+ no ne ne mmeamu,+ ɛho adum ne ne nnyinasoɔ;+