Exodus 29:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 “Afei fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano,+ na ma wɔmfa nsuo nnware.+ Exodus 29:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Wowie a, fa ɔsrango no,+ na hwie gu n’apampam fa sra no.+ Exodus 30:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Sra Aaron+ ne ne mma+ na te wɔn ho na wɔatumi asom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim.+ Exodus 40:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Fa ntaade kronkron no hyɛ Aaron,+ na sra no+ na dwira ne ho ma no nsom wɔ m’anim sɛ ɔsɔfoɔ. Leviticus 21:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “‘Ɔsɔfo panin a wɔbɛyi no afiri ne nuanom mu ahwie ɔsrango agu n’apampam asra no+ ahyɛ no sɔfoɔ* sɛ ɔnhyɛ asɔfotaadeɛ no,+ ɛnsɛ sɛ ɔgya ne tiri nwi basaa, na ɛnsɛ sɛ ɔsuane n’ataadeɛ mu.+ Dwom 133:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɛte sɛ ngo pa aWɔahwie agu Aaron apampam,+Na ɛsiane fa n’abodwesɛ mu+Kɔgu n’ataadeɛ kɔn mu.
10 “‘Ɔsɔfo panin a wɔbɛyi no afiri ne nuanom mu ahwie ɔsrango agu n’apampam asra no+ ahyɛ no sɔfoɔ* sɛ ɔnhyɛ asɔfotaadeɛ no,+ ɛnsɛ sɛ ɔgya ne tiri nwi basaa, na ɛnsɛ sɛ ɔsuane n’ataadeɛ mu.+