29 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Obiara a ɔbɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama Yehowa no, ɔmfa n’asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no bi mma Yehowa.+ 30 Ma ɔno ara mfa sradeɛ+ no nka aboa no koko ho mmɛbɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa. Ɔmfa nka aboa no koko ho na ɔnhim no sɛ ohim afɔreɛ+ wɔ Yehowa anim.