10 “‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a wabɛsoɛ mo mu a ɔbɛdi mogya+ biara no, mɛma m’ani asa deɛ ɔdi mogya no, na mɛku no. 11 Na ɔhonam biara nkwa wɔ ne mogya mu,+ na me na mede ama mo sɛ momfa mpata mma mo ho wɔ afɔrebukyia no+ so, ɛfiri sɛ nkwa a ɛwɔ mogya mu nti, wɔde pata ma bɔne.+