-
Leviticus 19:20, 21Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 “‘Sɛ ɔbarima bi ne afenaa a wɔde no rema ɔbarima foforɔ da, na sɛ wɔntɔɔ ɔbaa no mfirii nkoasom mu anaa ɔnnya nnee ne ho a, ɛsɛ sɛ wɔnya ho asotwe. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔku wɔn, ɛfiri sɛ ɔbaa no nnya nnee ne ho. 21 Ɔbarima no mfa odwennini mmrɛ Yehowa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano mma wɔmfa mmɔ afɔdie afɔreɛ.+
-
-
Numeri 6:12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Na ɔnsan nhyira ne ho so bio mma Yehowa, nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini no. Ɔmfa odwennini kumaa a wadi bɛyɛ afe mmɛbɔ afɔdie afɔreɛ. Nanso, nna a kane no ɔde tenaa ase sɛ Nasirini no deɛ, ne nyinaa bɛhye agu, ɛfiri sɛ wagu ne ho fĩ.
-