Amos
5 “O Israel fie, montie mo ho awerɛhoɔ dwom* a merebɛto yi:
2 ‘Ɔbaabunu Israel ahwe ase;
Ɔrentumi nsɔre bio.
Wɔagya no ato ɔno ankasa asaase so;
Na obiara nni hɔ a ɔbɛma ne so.’
3 “Na deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
‘Kuro a ɛde nnipa 1,000 bɛkɔ ɛko no, ɛbɛka nnipa 100;
Na kuro a ɛde nnipa 100 bɛkɔ ɛko no, ɛbɛka nnipa 10. Wei ne deɛ ɛbɛto Israel fie.’+
4 “Na deɛ Yehowa aka akyerɛ Israel fie nie:
‘Monhwehwɛ me, na monnya nkwa.+
Monnkɔ Gilgal,+ na monntwam nnkɔ Beer-Seba,+
Ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔbɛtu Gilgal ase akɔ obi man so,+
Na Betel bɛdane adehunu.*
6 Monhwehwɛ Yehowa na monnya nkwa,+
Anyɛ saa a, ɔbɛba Yosef fie so te sɛ egya,
Na ɔbɛhye Betel, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi adum no.
8 Deɛ ɔyɛɛ Kima nsorommakuo* ne Kesil nsorommakuo,*+
Deɛ ɔma sum kabii dane adekyeeɛ,
Deɛ ɔma adekyeeɛ yɛ tumm sɛ anadwo,+
Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano
Na ɔhwie gu asaase so no,+
Ne din ne Yehowa.
9 Ɔde ɔsɛeɛ bɛba ɔhoɔdenfoɔ so,
Na ɔbɛsɛe aban a ɛyɛ den.
11 Ɛsiane sɛ mogye afuo so toɔ* firi ohiani hɔ,
Na mogye ne hwiit* firi ne nsam de yɛ toɔ nti,+
Adan a moapae aboɔ de asisi no, morentena mu bio,+
Na bobe mfuo fɛfɛɛfɛ a moayɛ no, morennya nsã* wom nnom bio.+
12 Na menim sɛdeɛ mo amumuyɛ* dɔɔso,
Ne sɛdeɛ mo bɔne yɛ akɛseɛ.
Moteetee ɔteneneeni,
Mogye adanmudeɛ,*
Na motiatia ahiafoɔ fahodie so wɔ kuro pono ano.+
Moyɛ saa a, Yehowa, asafo Nyankopɔn no ne mo bɛtena,
Sɛdeɛ moaka sɛ ɔne mo teɛ no.+
Ebia Yehowa, asafo Nyankopɔn no,
Bɛhu Yosef asefoɔ a wɔbɛka no mmɔbɔ.’+
16 “Enti deɛ Yehowa, asafo Yehowa Nyankopɔn no aka nie:
‘Nkurɔfoɔ bɛsu dendeenden wɔ mmɔnten so baabiara,
Na mmorɔno nyinaa so, nnipa bɛteateam, “Buei! Buei!”
Na wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu,
Na wɔafrɛ wɔn a wɔnim su yie ama wɔabɛbɔ bena.’
17 ‘Nnipa bɛsu dendeenden wɔ bobefuo* biara mu,+
Ɛfiri sɛ mɛba abɛtwam wɔ wo mu,’ Yehowa asɛm nie.
18 ‘Wɔn a wɔrehwɛ Yehowa da no kwan dendeenden no, asɛm ato wɔn!+
Sɛ Yehowa da no ba a, mohwɛ a, ɛdeɛn na ɛbɛsi?+
Ɛbɛyɛ sum, na ɛrenyɛ hann.+
19 Ɛbɛyɛ sɛ obi a ɔdwane firii gyata anim na ɔkɔhyiaa sisire,
Afei ɔkɔɔ ne fie de ne nsa kɔsɔɔ ɔfasuo mu a, ɔwɔ aka no.
20 Yehowa da no bɛyɛ sum, ɛrenyɛ hann;
Ɛbɛyɛ kusuu, na ɛrenhyerɛn.
21 Mekyiri mo afahyɛ ahodoɔ no; ɛyɛ me tan.+
Na mo nhyiamu kronkron no ase hwa no, m’ani nnye ho koraa.
22 Na sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne akyɛdeɛ afɔreɛ ma me mpo a,
M’ani rennye ho;+
Na sɛ mode mmoa a wɔadɔre sradeɛ bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a, merenhwɛ mpo.+