Deuteronomium
29 Apam a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ nyɛ wɔ Moab asaase so no, emu nsɛm nie. Ɛsono apam a ɔne wɔn yɛɛ no Horeb no.+
2 Mose frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa de yɛɛ Farao ne ne nkoa ne n’asaase wɔ Egypt no, mode mo ani hunuu ne nyinaa.+ 3 Mohunuu atemmuo* akɛseɛ no, nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ no nyinaa.+ 4 Nanso akoma a mode bɛte aseɛ ne ani a mode bɛhunu ne aso a mode bɛte deɛ, Yehowa mfa mmaa mo de bɛsi nnɛ.+ 5 ‘Berɛ a mede mo faa serɛ so mfeɛ 40 no,+ mo ho ntaadeɛ antete, na mo nan ase mpaboa anhi.+ 6 Moanni paanoo na moannom bobesa anaa nsã foforɔ biara a ɛborɔ, na ɛmaa mohuu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’ 7 Berɛ a mobɛduruu ha no, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ bɛhyiaa yɛn ne yɛn koeɛ, nanso yɛdii wɔn so nkonim.+ 8 Ɛnna yɛgyee wɔn asaase, na yɛde maa Rubenfoɔ, Gadfoɔ, ne Manase abusuakuo fã+ no sɛ wɔn agyapadeɛ. 9 Enti monhwɛ sɛ mobɛdi apam yi mu nsɛm so na ama biribiara a mobɛyɛ asi mo yie.+
10 “Ɛnnɛ mo nyinaa mogyina Yehowa mo Nyankopɔn anim; mo ne wɔn a wɔdeda mo mmusuakuo ano, mo mpanimfoɔ, mo atitire, Israel mmarima nyinaa, 11 mo mma, mo yerenom,+ ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu+ nyinaa, wɔn a wɔkɔ anyina ma mo ne wɔn a wɔkɔ nsuo ma mo nyinaa. 12 Moahyia ha nnɛ sɛ morebɛka ntam wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim na mo ne Yehowa mo Nyankopɔn de ayɛ apam,+ 13 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde mo bɛyɛ ne man+ na ɔno nso ayɛ mo Nyankopɔn,+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ na ɔkaa mo agyanom Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ ntam no.
14 “Nanso ɛnyɛ mo nko ara na me ne mo reyɛ apam ama moaka ɛho ntam yi; 15 mmom wɔn a wɔgyina Yehowa yɛn Nyankopɔn anim nnɛ ne wɔn a wɔnni yɛn nkyɛn nnɛ nyinaa nso ka ho. 16 (Mo ara monim sɛ yɛtenaa Egypt asaase so na yɛtwaam faa aman foforɔ so wɔ yɛn akwantuo yi mu.+ 17 Mohunuu akyiwadeɛ a wɔyɛ ne wɔn abosom fĩ*+ a wɔde nnua ne aboɔ ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ a ɛwɔ wɔn mu no.) 18 Monhwɛ yie na nnɛ mo mu ɔbarima anaa ɔbaa anaa abusua anaa abusuakuo bi akoma ammane amfiri Yehowa yɛn Nyankopɔn ho ankɔsom amanaman no anyame,+ na nhini bi amfefɛ ammɛyɛ awɔnwono na anso aba a ɛdi awuo.+
19 “Nanso sɛ obi te ntam yi mu nsɛm na ɔhoahoa ne ho wɔ n’akomam sɛ, ‘Meyɛ deɛ m’akoma pɛ mpo a, mɛnya asomdwoeɛ,’ na sɛ ɔde sɛe biribiara a atwa ne ho ahyia* a, 20 ɛnneɛ Yehowa nso remfa ne ho nkyɛ no.+ Mmom Yehowa bo bɛfu saa onipa no dendeenden, na nnome a ɛwɔ nwoma yi mu nyinaa bɛba ne so,+ na Yehowa bɛpepa ne din afiri ɔsoro ase. 21 Yehowa bɛyi no afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu de ɔhaw aba ne so, sɛdeɛ apam no mu nnome a wɔatwerɛ no Mmara nwoma yi mu no nyinaa teɛ.
22 “Mo mma awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛba daakye ne ahɔhoɔ a wɔfiri akyirikyiri asaase so nyinaa bɛhunu ɔhaw ne nyarewa a Yehowa de aba asaase no so no. 23 Wɔbɛhunu sɛ sɔfe* ne nkyene ne ɛhyew asɛe asaase no nyinaa na obiara ntumi nnua adeɛ wɔ so, na aba anaa afifideɛ biara ntumi mfifi wɔ so, na ayɛ sɛ Sodom ne Gomora,+ Adma ne Seboiim+ a Yehowa de abufuo sɛee no no. 24 Ɛba saa a, wɔne aman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa ayɛ asaase yi saa?+ Ɛdeɛn na ɛhyɛɛ no abufuo kɛseɛ saa?’ 25 Na wɔbɛka sɛ, ‘Ɛfiri sɛ wɔapo apam a Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn ne wɔn yɛeɛ+ berɛ a ɔyii wɔn firii Egypt asaase so no.+ 26 Na wɔakɔsom anyame foforɔ na wɔakoto wɔn, anyame a wɔnnim wɔn, anyame a ɔmmaa wɔn kwan sɛ wɔnsom wɔn.*+ 27 Ɛno na ɛmaa Yehowa bo fuu asaase no dendeenden na ɔde nnome a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa baa so no.+ 28 Enti Yehowa ani beree wɔn so, na ɔde abufuo tuu wɔn firii wɔn asaase so+ na ɔde wɔn kɔɔ asaase foforɔ so, na nnɛ ɛhɔ na wɔwɔ.’+
29 “Nsɛm a ahinta yɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn dea,+ na deɛ wɔayi no adi no yɛ yɛne yɛn mma dea afebɔɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛdi Mmara yi mu nsɛm nyinaa so.+