-
Yosua 1:7, 8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 “Deɛ ɛhia ara ne sɛ wobɛnya akokoɔduro na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mmane mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’adeɛ nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+ 8 Mma Mmara nwoma yi mmfiri w’anom,+ na mmom kenkan na dwendwene ho* awia ne anadwo na woadi deɛ wɔatwerɛ wom nyinaa so pɛpɛɛpɛ.+ Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo yie na woayɛ w’adeɛ nyansam.+
-