5 Me ba, tie me nyansa.
Na yɛ aso tie me nhunumu,+
2 Na ama woahwɛ w’adwempa so;
Na wode w’ano abɔ nimdeɛ ho ban.+
3 Ɔbaa a wamane ano sosɔ sɛ ɛwoɔkyɛm,+
Na n’ano yɛ dɛ sene ngo.+
4 Nanso akyire yi ɔyɛ nwono te sɛ awɔnwono,+
Na ɔyɛ nnam te sɛ sekan anofanu.+
5 Ne nan siane kɔ owuo mu.
N’anammɔn kɔ Adamena mu tẽẽ.
6 Ɔnnwene nkwa kwan ho.
N’akwan manemane, na ɔnnim baabi a ɔrekɔ.
7 Afei me mma, montie me,
Na monnnane mmfiri deɛ mereka yi ho.
8 Twe wo ho firi ne ho koraa;
Mmɛn ne fie kwan ano,+
9 Na woamfa w’animuonyam amma ebinom,+
Na woantwa so aba yayaaya mfeɛ pii;+
10 Na ahɔhoɔ anni w’agyapadeɛ,+
Na deɛ wobrɛ pɛeɛ no ankɔdi obi foforɔ fie,
11 Anyɛ saa a, wode wo nsa bɛgu wo ti asu, berɛ a wo nkwa reba awieeɛ,
Berɛ a wo honam ne wo nipadua asɛe awie no.+
12 Na wobɛka sɛ: “Ao, hwɛ sɛdeɛ metan ntenesoɔ!
Hwɛ sɛdeɛ m’akoma amfa kasakyerɛ anyɛ hwee!
13 Mantie m’afotufoɔ nne,
Na manyɛ aso antie m’akyerɛkyerɛfoɔ.
14 Aka kakraa bi na masɛe koraa
Wɔ asafo no nyinaa mu.”+
15 Nom wo ara w’abura mu nsuo,
Ne nsuo a wo ara woatuo.+
16 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woma nsuo a woatuo bɔ pete abɔnten,
Na w’asutene sene fa mmorɔno so?+
17 Ma ɛnyɛ wo nko ara wo dea,
Na mma ɛnnyɛ wo ne ahɔhoɔ dea.+
18 Ma nsuo a wo ara woatuo nyɛ nhyira,
Na wo ne ɔbaa a wowaree no wo mmeranteberɛm no ani nnye;+
19 Ɔyɛ ɔdɔ wansane ne bepɔ so apɔnkye a ɔyi akyẽa.+
Ma ne nufo nsɔ w’ani daa.
Tɔ ne dɔ mu ntentan daa nyinaa.+
20 Enti me ba, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wotɔ ɔbaa a wamane dɔ mu,
Na wofam ɔbaa a ne bra asɛe?+
21 Onipa akwan da Yehowa anim,
Na ɔhwehwɛ n’akwan nyinaa mu.+
22 Ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔno ara n’amumuyɛ na ɛbɛsum no fidie,
Na ɔno ankasa bɔne nhoma na ɛbɛkyekyere no.+
23 Ɔbɛwu, ɛfiri sɛ wannye ntenesoɔ antom,
Na ne nkwaseasɛm bebrebe nti, ɔbɛyera.