4 Me mma, montie agya ntenesoɔ;+
Monyɛ aso na ama moanya nteaseɛ.
2 Na mɛma mo akwankyerɛ pa;
Mommpo me nkyerɛkyerɛ.+
3 Meyɛɛ ɔba pa maa me papa,+
Na meyɛɛ me maame dɔba.+
4 Ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔkaa sɛ: “Fa w’akoma sɔ me nsɛm mu den.+
Di me mmara nsɛm so na nyini kyɛ.+
5 Hwehwɛ nyansa; hwehwɛ nteaseɛ.+
Mma wo werɛ mmfi, na ntwe wo ho mfiri m’anom asɛm ho.
6 Nto nyansa ntwene, na ɛbɛbɔ wo ho ban.
Dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.
7 Nyansa ne adeɛ a ɛhia paa,+ enti hwehwɛ nyansa,
Na deɛ wobɛnya biara, hwehwɛ nteaseɛ ka ho.+
8 Bu nyansa paa, na ɛbɛma wo so.+
Yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo animuonyam.+
9 Ɛde nhwiren abotire fɛfɛɛfɛ bɛbɔ wo ti;
Ɛbɛyɛ ahenkyɛ fɛfɛɛfɛ wɔ wo tiri so.”
10 Me ba, tie, na gye me nsɛm tom,
Na ɛbɛma woanya nkwa tenten.+
11 Mɛkyerɛkyerɛ wo ama woafa nyansa kwan so;+
Mede wo bɛfa tenenee akwan so.+
12 Sɛ wonante a, biribiara rensi w’anammɔn kwan;
Na sɛ wotu mmirika a, worensunti.
13 Sɔ ntenesoɔ mu; nnyaa mu.+
Bɔ ho ban, ɛfiri sɛ ɛbɛgye wo nkwa.+
14 Mfa abɔnefoɔ kwan so,
Na nnante amumuyɛfoɔ kwan so.+
15 Twe wo ho firi ho; nkɔfa so;+
Dane wo ho firi ho, na twam kɔ.+
16 Wɔntumi nna, gye sɛ wɔadi bɔne;
Wɔnna, gye sɛ wɔama obi ahwe ase.
17 Abɔnefosɛm na ɛyɛ wɔn aduane,
Na amumuyɛ nsã na wɔnom.
18 Na ateneneefoɔ kwan te sɛ anɔpa hann
A ɛhyerɛn nkakrankakra kɔsi awia ketee.+
19 Abɔnefoɔ kwan te sɛ esum;
Wɔnnim deɛ ɛma wɔsunti.
20 Me ba, tie m’asɛm;
Yɛ aso tie m’anom nsɛm.
21 Mma wo werɛ mmfi;
Fa sie w’akoma mu tɔnn.+
22 Ɛyɛ nkwa ma wɔn a wɔhunu,+
Na ɛyɛ apɔmuden ma wɔn nipadua nyinaa.
23 Bɔ w’akoma ho ban sene deɛ wobɔ ho ban nyinaa,+
Ɛfiri sɛ emu na nkwa nsutire wɔ.
24 Yi nsɛm a akyinkyim firi w’anom,+
Na yi nkontomposɛm firi wo ho kɔ akyirikyiri.
25 Ma w’ani nhwɛ tẽẽ,
Aane, gyene w’ani hwɛ w’anim tẽẽ.+
26 Ma w’anammɔn kwan nyɛ toromtorom,+
Na w’akwan nyinaa bɛsi pi.
27 Mmane nkɔ nifa anaa benkum.+
Twe wo nan firi bɔne ho.