Mmebusɛm
6 Me ba, sɛ woadi wo yɔnko anim* ama wakɔgye bosea,+
2 Sɛ woahyɛ bɔ ama asum wo fidie,
Na sɛ woaka asɛm ama akyekyere wo* a,+
3 Me ba, yɛ wei fa tete wo ho,
Ɛfiri sɛ woatɔ wo yɔnko nsam:
Kɔ, na kɔbrɛ wo ho ase; yɛ ntɛm kɔsrɛ wo yɔnko no.+
4 Mma w’ani nnkum,
Na mma nna mmma w’ani so.
5 Gye wo ho sɛdeɛ ɔtwe gye ne ho firi bɔmmɔfoɔ nsam,
Na anomaa gye ne ho firi anomaayifoɔ nsam no.
7 Ɔnni otitire, ɔpanin, anaa ɔhene,
8 Nanso ɔhwehwɛ n’aduane wɔ ahuhuro berɛ mu,+
Na ɔboaboa n’aduane ano wɔ twaberɛ mu.
9 Ɔkwadwofoɔ, wobɛda akɔsi da bɛn?
Berɛ bɛn na wobɛsɔre afiri wo nna mu?
10 Mereda kakra, meretɔ nko kakra,
Merebobɔ me nsa ahome kakra;+
11 Wode saa ara na wo hia aba sɛ korɔmfoɔ,
Na w’ahokyerɛ aba sɛ korɔmfo-werɛmfoɔ.+
12 Onipahunu ne onipabɔnefoɔ nenam keka atosɛm;*+
13 Ɔbu n’ani,+ ɔde ne nan kasa, na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ nneɛma.
17 Ani a ɛtra ntɔn,+ kɛtrɛma a ɛdi atorɔ,+ ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo,+
18 Akoma a ɛbɔ pɔ bɔne,+ ne nan a ɛtu mmirika kɔ bɔne mu,
19 Ɔdansekurumufoɔ a ɔtwa nkontompo daa,+
Ne obiara a ɔsɛe anuanom ntam.+
21 Fa kyekyere w’akoma ho daa;
Fa bebare wo kɔn.
23 Ɛfiri sɛ mmara nsɛm no yɛ kanea,+
Na mmara no yɛ hann,+
Na ntenesoɔ a animka de ba no yɛ nkwa kwan.+
25 Mma wo kɔn nnnɔ no w’akoma mu, n’ahoɔfɛ nti,+
Na mma n’ani adabadabaa no nntwetwe wo,
26 Ɛfiri sɛ tuutuuni nti, ɔbarima bɛdi paanoo sini;+
Na ɔbarima foforɔ yere deɛ, ɔsɛe nkwa* a ne boɔ yɛ den.
27 Obi bɛtumi de egya ahyɛ ne kokom a ne ntaadeɛ renhye anaa?+
28 Anaa obi bɛtumi anante gyasramma so a ɛrenhye ne nan?