Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Samuel 11:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Ɛnna Dawid somaa nkurɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa no mmra.+ Enti ɔbaa no baa ne nkyɛn, na ɔne no daeɛ.+ (Saa berɛ no, na ɔbaa no ho nte,* enti na ɔredwira ne ho.)+ Ɛno akyi no, ɔsan kɔɔ ne fie.

  • 2 Samuel 12:10, 11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Ɛsiane sɛ woabu me animtia na woafa Hitini Uria yere aware no nti, sekan rempa wo fie da.’+ 11 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mɛma mmusuo aba wo so, na wo fie na ɛbɛfiri aba.+ Mede wo yerenom bɛma wo yɔnko barima,+ na wode w’ani bɛhu; ɔne wo yerenom bɛdeda awia ketee.+

  • Mmebusɛm 6:32-35
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 32 Obiara a ɔne ɔbaa sɛe awareɛ no nnim nyansa;*

      Deɛ ɔyɛ saa no, ɔsɛe ɔno ara ne ho.*+

      33 Adeɛ a ɔbɛnya ara ne akuro ne animguaseɛ,+

      Na n’aniwuo rempepa da.+

      34 Ɛfiri sɛ ninkuntwe ma okunu bo fu dendeenden,

      Na sɛ ɔretua so ka a, ɔrenhu mmɔbɔ.+

      35 Biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi apata no,*

      Na woma no akyɛdeɛ kɛseɛ sɛ deɛn mpo a, ɛrentumi nnwodwo ne bo.

  • Hebrifoɔ 13:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Mo nyinaa, monni awareɛ ni, na monngu awareɛ mpa ho fĩ,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamammɔfoɔ* ne awaresɛefoɔ atɛn.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane