Genesis 4:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Wei akyi no, Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ: “Ma yɛnkɔ wuram.” Wɔkɔɔ hɔ no, Kain to hyɛɛ ne nua Habel so kuu no.+ Genesis 4:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛnna Onyankopɔn kaa sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua no mogya firi asaase so reteam frɛ me.+ Numeri 35:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Owudini a ɔfata owuo deɛ, ɛnsɛ sɛ mogye agyedeɛ biara de gye no nkwa.* Sɛdeɛ ɛteɛ biara, monku no.+ Deuteronomium 27:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “‘Nnome nka deɛ ɔgye adanmudeɛ* kum obi* a ne ho nni asɛm.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
8 Wei akyi no, Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ: “Ma yɛnkɔ wuram.” Wɔkɔɔ hɔ no, Kain to hyɛɛ ne nua Habel so kuu no.+
31 Owudini a ɔfata owuo deɛ, ɛnsɛ sɛ mogye agyedeɛ biara de gye no nkwa.* Sɛdeɛ ɛteɛ biara, monku no.+