Genesis 9:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Afei nso, abɔdeɛ a ɛte ase biara a ɔbɛka mo mogya a ɛyɛ mo nkwa* agu no, mɛma no abu ho akonta. Sɛ onipa ka ne yɔnko mogya gu a, mɛma no abu ho akonta, ɛfiri sɛ ɔyɛ ne nua.+ Exodus 21:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Sɛ obi bo fu ne yɔnko na ɔhyɛ da ku no a,+ ɛsɛ sɛ wɔku no; sɛ ɔwɔ m’afɔrebukyia ho mpo a, twe no firi hɔ kɔku no.+ Deuteronomium 19:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Nhu no mmɔbɔ; yi mogya a ɛdi bem ho asodie firi Israel so+ na asi wo yie.
5 Afei nso, abɔdeɛ a ɛte ase biara a ɔbɛka mo mogya a ɛyɛ mo nkwa* agu no, mɛma no abu ho akonta. Sɛ onipa ka ne yɔnko mogya gu a, mɛma no abu ho akonta, ɛfiri sɛ ɔyɛ ne nua.+
14 Sɛ obi bo fu ne yɔnko na ɔhyɛ da ku no a,+ ɛsɛ sɛ wɔku no; sɛ ɔwɔ m’afɔrebukyia ho mpo a, twe no firi hɔ kɔku no.+