3 Me ba, mma wo werɛ mmfi me nkyerɛkyerɛ,
Na ma w’akoma nni m’ahyɛdeɛ so,
2 Ɛfiri sɛ ɛde nna pii,
Ne nkwa tenten ne asomdwoeɛ bɛka wo ho.+
3 Mma ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne nokorɛdie nnkɔ nnnya wo.+
Fa kyekyere wo kɔn,
Na twerɛ gu w’akoma pono so;+
4 Ɛba saa a, wobɛnya adom ne nteaseɛ a ɛdi mu
Wɔ Onyankopɔn ne onipa ani so.+
5 Fa w’akoma nyinaa to Yehowa so,+
Na mfa wo ho nto wo ankasa wo nteaseɛ so.+
6 Hu no w’akwan nyinaa mu,+
Na ɔbɛma w’akwan atene.+
7 Nyɛ w’ani so onyansafoɔ.+
Suro Yehowa na twe wo ho firi bɔne ho.
8 Ɛbɛyɛ ayaresa ama wo nipadua
Ne ahotɔ ama wo nnompe.
9 Fa w’ahonyadeɛ hyɛ Yehowa animuonyam,+
Wo nnɔbaeɛ nyinaa mu aba a ɛdi kan.+
10 Woyɛ saa a, w’adekora adan bɛyɛ ma tɔ,+
Na bobesa foforɔ abu so wɔ amena a wokyĩ nsã wom no mu.
11 Me ba, mpo Yehowa ntenesoɔ,+
Na ne kasakyerɛ nso, nkyiri,+
12 Ɛfiri sɛ deɛ Yehowa dɔ no na ɔkasa kyerɛ no,+
Sɛdeɛ agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm no.+
13 Anigyeɛ ne onipa a ɔhunu nyansa,+
Ne onipa a ɔnya nhunumu;
14 Ɛyɛ sɛ wobɛnya ɛno sene sɛ wobɛnya dwetɛ;
Sɛ wonya ɛno sɛ mfasoɔ a, ɛyɛ sene sɛ wobɛnya sika kɔkɔɔ.+
15 Ɛsom bo sene ɛpo mu abohene,
Na adeɛ a w’ani gye ho biara ne no nsɛ.
16 Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu,
Na ahonya ne animuonyam wɔ ne nsa benkum mu.
17 N’akwan yɛ fɛ,
Na n’anammɔnkwan nyinaa yɛ asomdwoeɛ.+
18 Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ mu no,
Na wɔn a wɔkura mu dendeenden no, wɔbɛfrɛ wɔn anigyeɛ.+
19 Yehowa de nyansa na ɛtoo asaase fapem.+
Nhunumu so na ɔnam de ɔsoro tim hɔ.+
20 Ɔde ne nimdeɛ na ɛpaee subunu mu,
Ɛno na ɔde maa ɔsoro mununkum sosɔɔ bosuo.+
21 Me ba, mma wo werɛ mmfi.
Bɔ nyansa ne adwempa ho ban;
22 Ɛbɛyɛ nkwa ama wo,
Na ama wo kɔn mu ayɛ fɛ.
23 Woyɛ saa a, wobɛnante wo kwan so dwoodwoo,
Na wo nan rempem biribiara da.+
24 Sɛ wokɔda a, woremmɔ hu;+
Wobɛda, na wo nna ayɛ wo dɛ.+
25 Worensuro adeɛ a ɛyɛ hu a ɛbɛba mpofirim biara,+
Na worensuro ahum a ɛreba abɔnefoɔ so no.+
26 Ɛfiri sɛ Yehowa bɛyɛ w’ahotɔsoɔ,+
Na ɔremma fidie nyi wo nan.+
27 Wɔn a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔn papa no, mfa nkame wɔn,+
Berɛ a wowɔ tumi a wode bɛboa no.+
28 Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ, “Kɔ; akyire yi na woaba! Ɔkyena mede bɛma wo,”
Berɛ a wobɛtumi de ama no seesei ara.
29 Mmɔ wo yɔnko ho pɔ bɔne biara,+
Berɛ a ɔne wo te asomdwoeɛ mu.
30 Wo ne obi nnham ɔhamhunu,+
Berɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne biara.+
31 Mma w’ani mmmere wudini,+
Na mfa n’akwan biara so.
32 Yehowa kyiri nkontomponi,+
Na ateneneefoɔ na wɔyɛ ne nnamfo paa.+
33 Yehowa nnome wɔ abɔnefoɔ fie so,+
Na ateneneefoɔ fie deɛ, ne nhyira wɔ so.+
34 Wɔn a wɔdi fɛ no, ɔbɛdi wɔn ho fɛ,+
Na ahobrɛasefoɔ deɛ, ɔbɛdom wɔn.+
35 Anyansafoɔ bɛnya animuonyam,
Na nkwaseafoɔ deɛ, animguaseɛ na wɔn ani gye ho.+