Exodus
36 “Besalel ne Oholiab bɛyɛ adwuma no; wɔne odwumayɛni biara a ne ho akokwa* a Yehowa ama no nyansa ne nimdeɛ a ɔbɛtumi de ayɛ adwuma kronkron a Yehowa de ahyɛ mo nsa no.”+
2 Enti Mose frɛɛ Besalel ne Oholiab ne obiara a ne ho akokwa a Yehowa de nyansa ahyɛ n’akomam;+ ɔfrɛɛ obiara a n’akoma kaa no sɛ ɔmmɛyɛ adwuma no bi.+ 3 Ɛnna wɔgyee nneɛma a Israelfoɔ no de baeɛ+ sɛ wɔmfa nyɛ adwuma kronkron no nyinaa firii Mose hɔ. Nanso wɔkɔɔ so ara de ayamyɛ afɔreɛ no brɛɛ no anɔpa biara.
4 Berɛ a wɔfirii adwuma kronkron no ase no, ɛwɔ hɔ ara a na adwumayɛfoɔ a wɔn ho akokwa no baako aba, 5 na wabɛka akyerɛ Mose sɛ: “Nneɛma a nkurɔfoɔ no de reba no dɔɔso, na ɛboro adwuma a Yehowa se yɛnyɛ no so.” 6 Ɛnna Mose ma wɔbɔɔ amanneɛ wɔ asoɛeɛ hɔ nyinaa sɛ: “Mmarima ne mmaa, mma obiara mmfa ntoboa kronkron no bi mmma bio.” Enti nkurɔfoɔ no amfa biribiara amma bio. 7 Ná deɛ wɔanya no bɛso adwuma no nyinaa ama ebi aka.
8 Enti adwumayɛfoɔ a wɔn ho akokwa+ no nyinaa sii ɔsom ntomadan no.+ Wɔde ahoma papa a wɔde yɛ nwera, ahoma bruu, ahoma afasebire, ne ahoma kɔkɔɔ nwenee ntoma du a wɔde bɛyɛ ntomadan no, na ɔnwenee* kerubim wom.+ 9 Ná ntoma no mu biara tenten yɛ basafa* 28, na emu biara tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 4. Ná ntoma no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. 10 Ɔde ntoma nnum toatoaa so yɛɛ no baako, na ɔde nnum a aka no nso toatoaa so yɛɛ no baako. 11 Afei ɔde ahoma bruu yɛɛ nhankra totoo ntoma no baako ano wɔ baabi a wɔbɛka asi baako no anim, na ɔyɛɛ saa ara wɔ ntoma foforɔ no nso ano wɔ baabi a wɔbɛka mmienu no abom no. 12 Ɔyɛɛ nhankra 50 wɔ ntoma no baako ano, na ɔyɛɛ 50 wɔ ntoma a aka no nso ano wɔ baabi a wɔbɛka mmienu no abom no; enti, na nhankra no di nhwɛanimu. 13 Ɔwieeɛ no, ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nnadeɛ nketewa 50, na ɔde sosɔɔ ntoma mmienu no mu maa no yɛɛ baako.
14 Afei ɔde apɔnkye nwi yɛɛ ntoma 11 a ɔde bɛkata ɔsom ntomadan no so.+ 15 Ntoma no mu biara tenten yɛ basafa 30, na emu biara tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 4. Ná ntoma 11 no nyinaa yɛ pɛ. 16 Ɛnna ɔkekaa ntoma nnum sisii animu yɛɛ no ntoma baako, na ɔkaa nsia a aka no nso sii animu yɛɛ no baako. 17 Afei ɔyɛɛ nhankra 50 totoo ntoma a wɔaka abom no baako ano wɔ baabi a wɔbɛka asi baako no anim no, na ɔyɛɛ 50 wɔ ntoma a aka no nso ano wɔ baabi a wɔbɛka mmienu no abom no. 18 Afei ɔde kɔbere yɛɛ nnadeɛ nketewa 50 de sosɔɔ ntoma mmienu no mu maa no yɛɛ baako.
19 Ɔde adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛɛ nkatasoɔ, na ɔde sukraman* nwoma nso yɛɛ nkatasoɔ foforɔ guu so.+
20 Ɛnna ɔpaapae ɔkanto nnua+ sisii hɔ de yɛɛ ɔsom ntomadan no nnua.+ 21 Nnua no biara tenten yɛ basafa du na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa baako ne fã. 22 Ɔyɛɛ pɔ mmienu a ɛsa so wɔ nnua no biara ase. Nnua a ɔde sisii hɔ maa ɔsom ntomadan no, ɔyɛɛ ne nyinaa saa ara. 23 Enti ɔde nnua no mu 20 sisii ɔsom ntomadan no fã a ɛhwɛ anaafoɔ fam no. 24 Afei ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinasoɔ 40 a ɔde nnua 20 no bɛsisi so. Ná ntomadan no nnua no biara wɔ pɔ mmienu, na ɔde nnyinasoɔ mmienu hyɛɛ baako ase, na ɔde mmienu mmienu hyehyɛɛ nnua a aka no mu biara ase.+ 25 Ɔde nnua 20 nso sisii ɔsom ntomadan no fã nohoa a ɛhwɛ atifi fam no, 26 na ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinasoɔ 40 a nnua no bɛsisi so. Ntomadan dua baako nyaa nnyinasoɔ mmienu, na nnua a aka no mu biara nso nyaa nnyinasoɔ mmienu.
27 Ɔsom ntomadan no akyi a ɛhwɛ atɔeɛ fam no nso, ɔde nnua no nsia sisii hɔ.+ 28 Ɔyɛɛ ntomadan nnua no mmienu de sisii ɔsom ntomadan no ntwea mmienu so wɔ akyire. 29 Ntomadan nnua no, ɔkaa ɛhɔ deɛ no bɔɔ so mmienu firi fam kɔsii soro maa no hyiaa wɔ baabi a kawa a ɛdi kan no wɔ no. Saa ara na ɔyɛɛ mmienu a ɛsisi ntomadan no ntwea so no. 30 Enti ne nyinaa yɛɛ nnua nwɔtwe ne dwetɛ nnyinasoɔ 16; ntomadan dua biara nyaa nnyinasoɔ mmienu wɔ aseɛ.
31 Afei ɔde ɔkanto nnua yɛɛ mmeamu nnum beabeaa ntomadan nnua no mu wɔ ɛfã baako,+ 32 na ɔde mmeamu nnum beabeaa nnua no mu wɔ ɛfã foforɔ, na ɔde nnum nso beabeaa ɔsom ntomadan no akyi a ɛhwɛ atɔeɛ fam no. 33 Mmeamu a ɛwɔ ntomadan nnua no mfimfini no deɛ, ɔyɛɛ no tenten baako firi tire kɔsi tire. 34 Ɔde sika kɔkɔɔ faa ntomadan nnua no ho, na ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa a mmeamu no bɛhyehyɛ mu no. Mmeamu no nso, ɔde sika kɔkɔɔ faa ho.+
35 Afei ɔde ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntwamutam,+ na ɔnwenee kerubim wom.+ 36 Ɛnna ɔde ɔkanto yɛɛ adum nnan a ɔde bɛsensɛn so, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho. Ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ adum no ho nsosɔmu, na ɔde dwetɛ yɛɛ nnyinasoɔ nnan a wɔde bɛsisi so. 37 Afei ɔde ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nwenee ntoma* a ɔde bɛsɛn ntomadan no kwan ano.+ 38 Na ɔyɛɛ adum nnum ne ɛho nsosɔmu. Ɔde sika kɔkɔɔ faa adum no soro ne ne nsosɔmu ho. Ne nnyinasoɔ nnum no deɛ, kɔbere na ɔde yɛeɛ.