-
Exodus 26:22-25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
22 Ɔsom ntomadan no akyi a ɛhwɛ atɔeɛ fam no nso, wode nnua no nsia bɛsisi hɔ.+ 23 Wobɛyɛ ntomadan nnua no mmienu asisi ɔsom ntomadan no ntwea mmienu so wɔ akyire. 24 Ka bɔ so mmienu firi fam kɔsi soro ma no nhyia wɔ baabi a kawa a ɛdi kan no wɔ no. Saa ara na wobɛyɛ mmienu no nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ ntomadan no ntwea mmienu no. 25 Enti ɛbɛyɛ nnua nwɔtwe ne dwetɛ nnyinasoɔ 16; ntomadan dua baako bɛnya nnyinasoɔ mmienu wɔ aseɛ, na nnua a aka no mu biara nso bɛnya nnyinasoɔ mmienu wɔ aseɛ.
-