36 Fa ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera nwene ntoma sɛn ntomadan no kwan ano.+ 37 Afei fa ɔkanto yɛ adum nnum a wode ntoma no bɛsensɛn so; fa sika kɔkɔɔ fa adum no ho. Fa sika kɔkɔɔ yɛ ɛho nsosɔmu, na fa kɔbere yɛ nnyinasoɔ nnum a wode adum no bɛsisi so.