-
Exodus 26:15-18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 “Paapae ɔkanto nnua fa sisi hɔ ma no nyɛ ɔsom ntomadan no nnua.+ 16 Ma nnua no biara tenten nyɛ basafa du na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa baako ne fã. 17 Yɛ pɔ mmienu a ɛsa so wɔ nnua no biara ase. Nnua a mode bɛsisi hɔ ama ɔsom ntomadan no, yɛ ne nyinaa saa ara. 18 Fa nnua no mu 20 sisi ɔsom ntomadan no fã a ɛhwɛ anaafoɔ fam no.
-