-
Exodus 35:5-9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 ‘Monnyegye ntoboa mma Yehowa.+ Obiara a n’akoma ka no+ no bɛtumi de nneɛma yi bi abrɛ Yehowa: sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, 6 ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ahoma papa a wɔde yɛ nwera, apɔnkye nwi,+ 7 adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman* nwoma, ɔkanto dua, 8 ngo a wɔde bɛgu nkanea mu, balsam ngo a wɔde bɛyɛ ɔsrango ne aduhwam,+ 9 abohene tuntum ne aboɔ foforɔ a wɔde bɛbobɔ efɔd*+ ne nkataboɔ+ mu.
-