-
Exodus 26:19-21Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
19 “Afei fa dwetɛ yɛ nnyinasoɔ+ 40 a wode nnua 20 no bɛsisi so. Ntomadan nnua no biara bɛnya pɔ mmienu, na wɔde nnyinasoɔ mmienu bɛhyɛ baako ase, na wɔde mmienu mmienu ahyehyɛ nnua a aka no mu biara ase.+ 20 Fa nnua 20 nso sisi ɔsom ntomadan no fã nohoa a ɛhwɛ atifi fam no, 21 na fa dwetɛ yɛ nnyinasoɔ 40 a nnua no bɛsisi so. Ntomadan dua baako bɛnya nnyinasoɔ mmienu, na nnua a aka no mu biara nso bɛnya nnyinasoɔ mmienu.
-