-
Exodus 26:7-11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 “Afei fa apɔnkye nwi+ yɛ ntoma 11 a wode bɛkata ɔsom ntomadan no so.+ 8 Ma ntoma no mu biara tenten nyɛ basafa 30, na emu biara tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 4. Ma ntoma 11 no nyinaa kɛseɛ nyɛ pɛ. 9 Keka ntoma nnum si animu yɛ no ntoma baako, na ka nsia a aka no nso si animu yɛ no baako. Deɛ ɛtɔ so nsia no, bu to so mmienu wɔ ntomadan no anim. 10 Afei yɛ nhankra 50 toto ntoma a wɔaka abom no baako ano, na yɛ 50 wɔ ntoma a aka no nso ano; ɛhɔ na wɔbɛka mmienu no abom. 11 Fa kɔbere yɛ nnadeɛ nketewa 50 fa hyehyɛ nhankra no mu, na ka ntoma mmienu no bom ma ɛnyɛ baako.
-