Esra 7:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “Na wo Esra, sɛdeɛ wo Nyankopɔn nyansa+ wɔ wo nsam no, yi asɛnnifoɔ ne atemmufoɔ na wɔmmu nkurɔfoɔ a wɔwɔ asubɔnten kɛseɛ no agya nyinaa atɛn,+ wɔn a wɔnim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa; na obiara a ɔnnim nso, monkyerɛkyerɛ+ no. Mmebusɛm 2:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 sɛ wosu frɛ nteaseɛ+ na woma wo nne so frɛ nhunumu;+ Ɔsɛnkafoɔ 7:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Nyansa ma onyansafoɔ nya ahoɔden sene kuro mu atumfoɔ du.+ Kolosefoɔ 2:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ne mu na wɔakora ademudeɛ nyinaa, nyansa deɛ ne nimdeɛ deɛ.+ Yakobo 1:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Enti sɛ ɛka mo mu bi nyansa+ a, ma no nkɔ so ara mmisa Onyankopɔn+ ɛfiri sɛ ɔyi ne yam ma nnipa nyinaa adeɛ a ahohora biara nnim,+ na ɔde bɛma no.+
25 “Na wo Esra, sɛdeɛ wo Nyankopɔn nyansa+ wɔ wo nsam no, yi asɛnnifoɔ ne atemmufoɔ na wɔmmu nkurɔfoɔ a wɔwɔ asubɔnten kɛseɛ no agya nyinaa atɛn,+ wɔn a wɔnim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa; na obiara a ɔnnim nso, monkyerɛkyerɛ+ no.
5 Enti sɛ ɛka mo mu bi nyansa+ a, ma no nkɔ so ara mmisa Onyankopɔn+ ɛfiri sɛ ɔyi ne yam ma nnipa nyinaa adeɛ a ahohora biara nnim,+ na ɔde bɛma no.+