8 Di m’anim siane kɔ Gilgal,+ na hwɛ! mɛsiane aba wo nkyɛn abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ+ afɔdeɛ. Twɛn nnanson+ kɔsi sɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛma woahunu deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.”
43 Na ɔhene no nantee ne papa Asa akwan nyinaa so, na wammane amfiri ho, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so.+ Sorɔnsorɔmmea no nko na amfiri hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+
26 Ɛnna Dawid sii afɔrebukyia+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so. Ɔmaa ne nne so frɛɛ Yehowa+ na afei ɔgyee ne so, na ɔtɔɔ gya+ firi soro bɛguu ɔhyeɛ afɔdeɛ no so.
3 Ɛnna Solomon ne asafo a wɔka ne ho nyinaa kɔɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon+ no; ɛhɔ na na nokorɛ Nyankopɔn ahyiaeɛ ntomadan+ a Yehowa akoa Mose+ yɛɛ no serɛ soɔ no wɔ.