16 Bio nso, Manase hwiee mogya a ɛdi bem bebree pa guiɛ+ kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem nyinaa mã, ɛfiri ano kɔsi ano, ɛsono bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne Yehowa ani soɔ no.+
26 Ne nyinaa akyi no, Yehowa annane amfiri n’abufuhyeɛ kɛseɛ no ho, abufuhyeɛ a ɛdɛree Yuda soɔ,+ Manase nneɛma bɔne a ɔyɛeɛ de hyɛɛ no abufuo+ no nti.
11 Ɛnna Yehowa maa Asiria hene+ dɔm so asahene baa wɔn soɔ,+ na wɔkyee Manase wɔ tokuro+ bi mu de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu guu+ no, na wɔde no kɔɔ Babilon.
13 Na ɔbɔɔ no mpaeɛ daa, na ɔtiee+ ne nkotɔsrɛ yɛɛ no adom san de no baa Yerusalem bɛtenaa n’ahennie so;+ Manase bɛhunuu sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn+ no.