48 Na atamfo a Yehowa bɛsoma wɔn aba wo soɔ no, wode ɛkɔm+ ne sukɔm ne adagya ne ohia bɛsom wɔn,+ na ɔde dadeɛ kɔndua bɛto wo kɔn so akɔsi sɛ ɔbɛtɔre w’ase koraa.+
22 “Awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛba daakye, mo nkyirimma, ne ahɔhoɔ a wɔfiri akyirikyiri asase so nyinaa bɛka ho asɛm, berɛ a wɔhunu ɔhaw ne nyarewa a Yehowa de aba asase no soɔ no.+
12 Akyire yi, Yuda hene Yehoiakin firii adi kɔɔ Babilon+ hene nkyɛn, ɔne ne maame+ ne n’asomfoɔ ne ne mmapɔmma ne n’ahemfie mpanimfoɔ; Babilon hene faa no dommum, n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe mu.+
11 Ɛnna Yehowa maa Asiria hene+ dɔm so asahene baa wɔn soɔ,+ na wɔkyee Manase wɔ tokuro+ bi mu de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu guu+ no, na wɔde no kɔɔ Babilon.