19 Na ɛbɛba sɛ mobɛka sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa, yɛn Nyankopɔn ayɛ yɛn saa adeɛ yi nyinaa?’+ Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ moagya me akɔsom ananafoɔ nyame wɔ mo asase soɔ no, saa na mobɛsom ananafoɔ, asase a ɛnyɛ mo deɛ soɔ.’”+
4 Wo ara woama w’agyapadeɛ a mede maa woɔ no afiri wo nsa.+ Me nso mɛma woasom w’atamfo,+ asase a wonnim soɔ so. M’abufuo nti,+ masɔ wo mu gya. Ɛbɛdɛre akɔsi daa.”