Genesis 44:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ+ mu na obiara maa n’adesoa so too n’afunumu so, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ kuro no mu. 2 Samuel 1:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɛnna Dawid sɔɔ n’atadeɛ mu suanee mu,+ na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yɛɛ saa. 2 Berɛsosɛm 34:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Na berɛ a ɔhene tee mmara no mu nsɛm ara pɛ, ɔsuanee n’atadeɛ mu.+ Yeremia 36:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Wɔansuro,+ na ɔhene ne ne nkoa a wɔka ne ho a na wɔretie nsɛm yi nyinaa nso, obiara ansuane n’atadeɛ mu.+ Yoel 2:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Monsuane mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ne bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ dɔɔso,+ na amanehunu no nti, ɔbɛgyae mu ama no aka.+
13 Wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ+ mu na obiara maa n’adesoa so too n’afunumu so, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ kuro no mu.
24 Wɔansuro,+ na ɔhene ne ne nkoa a wɔka ne ho a na wɔretie nsɛm yi nyinaa nso, obiara ansuane n’atadeɛ mu.+
13 Monsuane mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ne bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ dɔɔso,+ na amanehunu no nti, ɔbɛgyae mu ama no aka.+