8 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe+ mu a ɔtee asase no ne fie no ho wieeɛ no, ɔsomaa Asalia ba Safan+ ne amrado Maaseia ne ɔhene krakye Yoahas ba Yoa sɛ wɔnkɔsiesie+ Yehowa, ne Nyankopɔn fie hɔ.
2 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔreeɛ, na wɔde nkrantɛ bɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia kum no.+ Enti ɔkum deɛ Babilon hene de no asi asase no soɔ no.+