48 Na ɔboaboaa aduane a ɛbaa Egypt asase so mfeɛ nson yi mu no ano, na wɔkoraa so wɔ nkuro mu.+ Ɔde nnɔbaeɛ a ɛwɔ afuo biara mu no kɔɔ kuro a ɛbɛn hɔ mu.+
11 Enti wɔde adwuma so ahwɛfoɔ sisii wɔn so sɛ wɔmfa adwumaden nhyɛ wɔn so;+ na wɔkyekyeree nkuro a wɔde bɛyɛ adekorabea maa Farao. Saa nkuro no ne Pitom ne Raamse.+