Yohane 6:38 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 38 ɛfiri sɛ mefiri soro+ aba sɛ merebɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, ɛnyɛ me ara m’apɛdeɛ.+ Yohane 8:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Enti ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mofiri fam; me deɛ, mefiri soro.+ Mofiri wiase;+ me deɛ, memfiri wiase.+ Yohane 8:42 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 42 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya a, anka mobɛdɔ me,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn hɔ na mefiri a mewɔ ha yi.+ Ɛnyɛ me ara na mede me pɛ baeɛ, na mmom Ɔno na ɔsomaa me.+ 1 Korintofoɔ 15:47 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 47 Onipa a ɔdi kan no firi fam, na wɔde dɔteɛ na ɛyɛɛ no;+ onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro.+ Efesofoɔ 4:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Sɛ ɔka sɛ ‘ɔforo kɔeɛ’+ a, ɛkyerɛ sɛn? Ɛnyɛ deɛ ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔsiane baa fam nso, kyerɛ sɛ, asase so?+
23 Enti ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mofiri fam; me deɛ, mefiri soro.+ Mofiri wiase;+ me deɛ, memfiri wiase.+
42 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya a, anka mobɛdɔ me,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn hɔ na mefiri a mewɔ ha yi.+ Ɛnyɛ me ara na mede me pɛ baeɛ, na mmom Ɔno na ɔsomaa me.+
9 Sɛ ɔka sɛ ‘ɔforo kɔeɛ’+ a, ɛkyerɛ sɛn? Ɛnyɛ deɛ ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔsiane baa fam nso, kyerɛ sɛ, asase so?+